Matthew 19

Awaregyae

1Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔkɔɔ Galilea. Ofi Galilea no, otwaa asubɔnten Yordan baa Yudea. 2Nnipadɔm tu dii nʼakyi ma ɔsaa wɔn yare. 3Farisifo bi ba bebisaa no nsɛm bi, pɛe sɛ wɔnam wɔn nsɛmmisa no so ma ɔka asɛm bi a, ɛde no bɛkɔ sɔhwɛ mu. Wobisaa no se, “Wopene awaregyae so anaa?”

4Yesu nso bisaa wɔn se, “Gyama monkenkan Kyerɛw Kronkron no? Wɔakyerɛw wɔ mu se, ‘Mfitiase no, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea. 5Eyi nti na ɔbarima begyaw nʼagya ne ne na hɔ de ne ho akɔbata ne yere ho daa nyinaa. 6Na wɔn baanu no abɛyɛ ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn aka abom no, ɛnsɛ sɛ onipa tetew mu’.”

7Farisifo no kɔɔ so bisaa no se, “Adɛn nti na Mose kae se, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ogyaa ne yere a, otumi kyerɛw no krataa kɛkɛ de gyaa no?”

8Yesu buaa wɔn se, “Esiane sɛ na mo koma apirim no nti, na Mose maa awaregyae ho kwan, na ɛnyɛ ade a Onyankopɔn hyehyɛe. 9Na mereka akyerɛ mo se, obiara a obegyaa ne yere, a ɛnyɛ sɛ, ɔbea no abɔ aguaman, na ɔbɛsan aware ɔbea foforo no, asɛe aware.”

10Yesu asuafo no kae se, “Sɛ saa na ɛte de a, na ɛnsɛ sɛ obiara ware.”

11Yesu buaa wɔn se, “Ɛnyɛ obiara na obetumi agye saa asɛm yi atom, gye wɔn a Onyankopɔn hyɛ wɔn den no nko ara. 12Wɔwoo binom sɛ wommedi sigyaw; ebinom nso, esiane dɛm nti, wɔnware; ebinom nso, esiane ɔsoro ahenni no nti, wɔpo aware. Obiara a obetumi no, nni mʼasɛm a maka yi so.”

Yesu hyira mmofra nkumaa

13Wɔde mmofra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so, na ɔmmɔ mpae mma wɔn. Nanso asuafo no tramtram wɔn a wɔde mmofra no bae no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monnhaw Yesu.”

14Nanso Yesu kae se, “Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.” 15Na ɔde ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn ansa na ɔrefi hɔ akɔ.

Aberante sikani no

16Da bi, aberante bi baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Me wura pa, dɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awiei?”

17Yesu buaa no se, “Sɛ wofrɛ me ɔpapa a, na ɛkyerɛ sɛ wofrɛ me Onyankopɔn, efisɛ, Onyankopɔn nko ara na oye. Wʼasɛmmisa no ho mmuae ara ne sɛ, sɛ wopɛ sɛ wokɔ soro de a, di mmaransɛm no so.”

18Aberante no nso bisaa no se, “Mmaransɛm no mu nea ɛwɔ he?” Yesu buaa no se, “Nni awu. Nsɛe aware. Mmɔ korɔn. Nni atoro. 19Di wʼagya ne wo na ni, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”

20Aberante no nso kae se, “Midi eyinom nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Afei, menyɛ dɛn?”

21Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wopɛ sɛ wuwie pɛyɛ a, kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika a wubenya afi mu no ma ahiafo. Ɛno ansa na wubenya agyapade wɔ soro. Wuwie eyi a, afei bra na bedi mʼakyi.”

22Esiane sɛ na saa aberante yi wɔ ahonyade bebree nti, ɔtee saa asɛm yi no, anyɛ no dɛ ma ɔde awerɛhow fii hɔ kɔe.

23Afei, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni no mu. 24Meka miti mu bio se, ɛyɛ mmerɛw sɛ nantwi bewura pane aniwa mu sen sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu!”

25Asuafo no tee saa asɛm yi no, wɔn adwenem yɛɛ wɔn nnaa. Wobisae se, “Na ɛnne hena na wiase ha wobegye no nkwa?”

26Yesu hwɛɛ wɔn buae se, “Onipa fam de, ɛyɛ den; na Onyankopɔn fam de, ɛyɛ mmerɛw.”

Ahopakyi

27Petro nso kae se, “Yɛagyaw biribiara hɔ abedi wʼakyi: na dɛn mfaso na yebenya afi wʼakyidi no mu?”

28Yesu buae se, “Me, Agyenkwa no, sɛ metena mʼanuonyam ahengua no so a, nokwarem, mo mʼasuafo yi nso, bɛtena ahengua dumien no so, na moabu Israel mmusuakuw dumien no atɛn. 29Na obiara a obegyaw ne fi, ne nuammarimanom ne nuammeanom, nʼagya, ne na, ne yere, ne mma, anaa nʼagyapade abedi mʼakyi no, obenya no mmɔho ɔha, na wanya nkwa a enni awiei nso. 30Na wɔn a wodi kan no mu pii bedi akyiri, na wɔn a wodi akyiri no nso mu bi abedi kan.”

Copyright information for TwiNAK